Psalms 62

Gyidi a ɛwɔ Onyankopɔn banbɔ mu

1Metwɛn boasetɔ mu sɛ Onyankopɔn nnye me nkwa.
Mede me ho to ɔno nko ara so.
2Ɔno nko ara na ɔbɔ me ho ban gye me nkwa; ɔyɛ me gyefo enti obiara renni me so nkonim.
3Mobɛkɔ so akɔ onipa a nʼahoɔden nnu ɔfasuw a abu agu yi so akosi da bɛn?
4Pɛ ara na mopɛ sɛ motwe no fi nʼanuonyam mu ba fam; mo ani gye atoro ho.
Moka nhyira nsɛm mo ano a, mo koma mu de, modome no.
5Onyankopɔn nko ara na mede me ho to ne so.
Mʼanidaso wɔ ne mu.
6Ɔno nko na ɔbɔ me ho ban gye me nkwa; ɔyɛ me gyefo na obiara rentumi nni me so nkonim.
7Me nkwagye ne mʼanuonyam gyina Onyankopɔn so; ɔyɛ me gyefo; ɔyɛ me guankɔbea.
8Me nkurɔfo, daa momfa mo ho nto Onyankopɔn so.
Ka wo haw nyinaa kyerɛ no efisɛ, ɔyɛ yɛn guankɔbea.
9Nnipa nyinaa te sɛ home mu tutuw; akɛse ne nkumaa nyinaa nka hwee.
Fa wɔn gu nsania so, na wɔnkari hwee.
Wɔn mu yɛ hare te sɛ ɔhome mu mframa.
10Mfa wo ho nto basabasayɛ so; nnya anidaso sɛ korɔn bɛma woanya biribi.
Na sɛ wʼahonya dɔɔso mpo a, mfa wo ho nto so.
11Mate mpɛn pii sɛ Onyankopɔn ka se, tumi yɛ ne de
12enti ne dɔ so ntew.
Wʼankasa,
O Awurade, tua obiara ka sɛnea ne nneyɛe te pɛpɛɛpɛ.
Copyright information for TwiNAK